Daniel 7:9
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Megu so rehwɛ no, “mehunuu sɛ, wɔde nhennwa bɛsisii hɔ, na Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no bɛtenaa ase. Na nʼatadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; na ne tirinwi hoa sɛ odwan nwi. Nʼahennwa dɛre sɛ ogyaframa na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram.
Daniel 7:9 in English
Daniel 7:9 · Berean Standard Bible
As I continued to watch, thrones were set in place, and the Ancient of Days took His seat. His clothing was white as snow, and the hair of His head was like pure wool. His throne was flaming with fire, and its wheels were all ablaze.
Context
7“Yei akyi no, mʼanisoadehunu anadwo no, mehunuu aboa a ɔtɔ so ɛnan a ne ho yɛ hu yie, na ne ho yɛ den nso. Ɔwɔ se akɛseɛ a ɛyɛ dadeɛ na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn na wawe, na afei ɔde ne nan tiatia nkaeɛ no so. Ɔda nso koraa wɔ mmoa nkaeɛ no mu. Na ɔwɔ mmɛn edu. 8“Ɛberɛ a megu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforɔ bi pueɛ wɔ mmɛn dada no ntam, na ɛtutuu mmɛn dada no mu mmiɛnsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so. 9“Megu so rehwɛ no,
“mehunuu sɛ, wɔde nhennwa bɛsisii hɔ,
na Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no bɛtenaa ase.
Na nʼatadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;
na ne tirinwi hoa sɛ odwan nwi.
Nʼahennwa dɛre sɛ ogyaframa
na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram. 10Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten
tene firii nʼanim baeɛ.
Abɔfoɔ mpempem kotoo no,
na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim.
Abadwafoɔ no tenaa ase,
na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu. 11“Na mekɔɔ so hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔkumm aboa no, na wɔtoo no twenee ogyaframa a ɛrederɛ framfram no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.