2 Samuel 22:5
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ; ɔsɛeɛ yiri faa me so.
2 Samuel 22:5 in English
2 Samuel 22:5 · Berean Standard Bible
For the waves of death engulfed me; the torrents of chaos overwhelmed me.
Context
3me Onyankopɔn yɛ me botan; ne mu na menya banbɔ.
Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagyeɛ mu ahoɔden ne me banbɔeɛ,
mʼabantenten, mʼagyenkwa, deɛ ɔgye me firi basabasayɛ mu. 4“Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no,
ɛfiri sɛ, ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. 5Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ;
ɔsɛeɛ yiri faa me so. 6Damena nhoma kyekyeree me;
owuo ankasa too me anihaa. 7“Na mʼamanehunu mu no, mesu mefrɛɛ Awurade.
Aane, mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa.
Ɔtee me nne firii ne kronkronbea.
Me sufrɛ duruu nʼasom.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.