Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Damena nhoma kyekyeree me; owuo ankasa too me anihaa.

2 Samuel 22:6 in English

2 Samuel 22:6 · Berean Standard Bible

The cords of Sheol entangled me; the snares of death confronted me.

Context

4“Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no, ɛfiri sɛ, ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. 5Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ; ɔsɛeɛ yiri faa me so. 6Damena nhoma kyekyeree me; owuo ankasa too me anihaa. 7“Na mʼamanehunu mu no, mesu mefrɛɛ Awurade. Aane, mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔtee me nne firii ne kronkronbea. Me sufrɛ duruu nʼasom. 8Na asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ; ɔsoro fapem wosoeɛ; wɔwosoeɛ, nʼabufuo enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.