2 Samuel 22:3
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
me Onyankopɔn yɛ me botan; ne mu na menya banbɔ. Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagyeɛ mu ahoɔden ne me banbɔeɛ, mʼabantenten, mʼagyenkwa, deɛ ɔgye me firi basabasayɛ mu.
2 Samuel 22:3 in English
2 Samuel 22:3 · Berean Standard Bible
My God is my rock, in whom I take refuge, my shield, and the horn of my salvation. My stronghold, my refuge, and my Savior, You save me from violence.
Context
1Ɛberɛ a Awurade gyee Dawid firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ. 2Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu nie:
“Awurade yɛ me botan, mʼaban ne mʼagyenkwa; 3me Onyankopɔn yɛ me botan; ne mu na menya banbɔ.
Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagyeɛ mu ahoɔden ne me banbɔeɛ,
mʼabantenten, mʼagyenkwa, deɛ ɔgye me firi basabasayɛ mu. 4“Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no,
ɛfiri sɛ, ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. 5Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ;
ɔsɛeɛ yiri faa me so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.