1 Samuel 2:6
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Awurade de nkwa ne owuo nyinaa ba; Ɔka ebi hyɛ damena mu, na ɔnyane ebinom.
1 Samuel 2:6 in English
1 Samuel 2:6 · Berean Standard Bible
The LORD brings death and gives life; He brings down to Sheol and raises up.
Context
4“Wɔn a na wɔyɛ atumfoɔ no nnyɛ atumfoɔ bio;
na wɔn a na wɔyɛ mmerɛ no nso, afei, wɔayɛ den. 5Wɔn a na wɔdidi mee pintinn no afei ɔkɔm rekum wɔn.
Na wɔn a ɔkɔm rekum wɔn no nso afei wɔamee pintinn.
Afei, obonini wɔ mma baason,
na ɔbaa a na ɔwɔ mma pii no mma bɛbɔ no. 6“Awurade de nkwa ne owuo nyinaa ba;
Ɔka ebi hyɛ damena mu, na ɔnyane ebinom. 7Awurade yɛ obi ohiani na wayɛ obi ɔdefoɔ;
ɔbrɛ obi ase na wapagya obi. 8Ɔpagya ohiani firi mfuturo mu
aane, ɔyi no firi nsosie mu;
ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma
de wɔn tena animuonyam nkonnua so.
“Ɛfiri sɛ, asase fapem yɛ Awurade dea,
na watoto ewiase sɛdeɛ ɛsɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.