1 Samuel 2:5
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn a na wɔdidi mee pintinn no afei ɔkɔm rekum wɔn. Na wɔn a ɔkɔm rekum wɔn no nso afei wɔamee pintinn. Afei, obonini wɔ mma baason, na ɔbaa a na ɔwɔ mma pii no mma bɛbɔ no.
1 Samuel 2:5 in English
1 Samuel 2:5 · Berean Standard Bible
The well-fed hire themselves out for food, but the starving hunger no more. The barren woman gives birth to seven, but she who has many sons pines away.
Context
3“Gyae ahantansu ne ahomasoɔ no,
nkasa wɔ ahantan so saa!
Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔnim wo nneyɛeɛ
na ɔbɛbu wo deɛ woayɛ no so atɛn. 4“Wɔn a na wɔyɛ atumfoɔ no nnyɛ atumfoɔ bio;
na wɔn a na wɔyɛ mmerɛ no nso, afei, wɔayɛ den. 5Wɔn a na wɔdidi mee pintinn no afei ɔkɔm rekum wɔn.
Na wɔn a ɔkɔm rekum wɔn no nso afei wɔamee pintinn.
Afei, obonini wɔ mma baason,
na ɔbaa a na ɔwɔ mma pii no mma bɛbɔ no. 6“Awurade de nkwa ne owuo nyinaa ba;
Ɔka ebi hyɛ damena mu, na ɔnyane ebinom. 7Awurade yɛ obi ohiani na wayɛ obi ɔdefoɔ;
ɔbrɛ obi ase na wapagya obi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.