1 Samuel 2:8
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔpagya ohiani firi mfuturo mu aane, ɔyi no firi nsosie mu; ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma de wɔn tena animuonyam nkonnua so. “Ɛfiri sɛ, asase fapem yɛ Awurade dea, na watoto ewiase sɛdeɛ ɛsɛ.
1 Samuel 2:8 in English
1 Samuel 2:8 · Berean Standard Bible
He raises the poor from the dust and lifts the needy from the ash heap. He seats them among princes and bestows on them a throne of honor. For the foundations of the earth are the LORD’s, and upon them He has set the world.
Context
6“Awurade de nkwa ne owuo nyinaa ba;
Ɔka ebi hyɛ damena mu, na ɔnyane ebinom. 7Awurade yɛ obi ohiani na wayɛ obi ɔdefoɔ;
ɔbrɛ obi ase na wapagya obi. 8Ɔpagya ohiani firi mfuturo mu
aane, ɔyi no firi nsosie mu;
ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma
de wɔn tena animuonyam nkonnua so.
“Ɛfiri sɛ, asase fapem yɛ Awurade dea,
na watoto ewiase sɛdeɛ ɛsɛ. 9Ɔbɛbɔ nyamesurofoɔ ho ban,
na amumuyɛfoɔ bɛyera esum mu.
“Sɛ ahoɔden mu nko deɛ a, obi renni nim; 10Wɔn a wɔko tia Awurade no, ɔbɛdwerɛ wɔn.
Ɔdwa aprannaa firi ewiem gu wɔn so;
Awurade bu atɛn wɔ asase so baabiara.
“Ɔma ne ɔhempɔn ahoɔden kɛseɛ;
deɛ wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.