1 Samuel 2:10
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn a wɔko tia Awurade no, ɔbɛdwerɛ wɔn. Ɔdwa aprannaa firi ewiem gu wɔn so; Awurade bu atɛn wɔ asase so baabiara. “Ɔma ne ɔhempɔn ahoɔden kɛseɛ; deɛ wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den.”
1 Samuel 2:10 in English
1 Samuel 2:10 · Berean Standard Bible
Those who oppose the LORD will be shattered. He will thunder from heaven against them. The LORD will judge the ends of the earth and will give power to His king. He will exalt the horn of His anointed.”
Context
8Ɔpagya ohiani firi mfuturo mu
aane, ɔyi no firi nsosie mu;
ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma
de wɔn tena animuonyam nkonnua so.
“Ɛfiri sɛ, asase fapem yɛ Awurade dea,
na watoto ewiase sɛdeɛ ɛsɛ. 9Ɔbɛbɔ nyamesurofoɔ ho ban,
na amumuyɛfoɔ bɛyera esum mu.
“Sɛ ahoɔden mu nko deɛ a, obi renni nim; 10Wɔn a wɔko tia Awurade no, ɔbɛdwerɛ wɔn.
Ɔdwa aprannaa firi ewiem gu wɔn so;
Awurade bu atɛn wɔ asase so baabiara.
“Ɔma ne ɔhempɔn ahoɔden kɛseɛ;
deɛ wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den.” 11Afei, Elkana ne Hana gyaa Samuel hɔ kɔɔ efie wɔ Rama. Na abarimaa no bɛyɛɛ Awurade ɔboafoɔ, ɛfiri sɛ, ɔboaa ɔsɔfoɔ Eli. 12Eli mmammarima no yɛ asansafoɔ a wɔmfɛre Awurade,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.