Native Bible

1 Kings 4:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Salomo wɔ amansini amradofoɔ dumienu wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔgye nnuane firi ɔmanfoɔ nkyɛn de kɔma ahemfiefoɔ. Wɔn mu biara hwɛ, di saa dwuma yi ɔbosome baako wɔ afe biara mu.

1 Kings 4:7 in English

1 Kings 4:7 · Berean Standard Bible

Solomon had twelve governors over all Israel to provide food for the king and his household. Each one would arrange provisions for one month of the year,

Context

5Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansini amradofoɔ titenani. Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ no, na na ɔyɛ ɔhene fotufoɔ a ɔde ne ho to ne so. 6Ahisar na na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ. Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so. 7Na Salomo wɔ amansini amradofoɔ dumienu wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔgye nnuane firi ɔmanfoɔ nkyɛn de kɔma ahemfiefoɔ. Wɔn mu biara hwɛ, di saa dwuma yi ɔbosome baako wɔ afe biara mu. 8Saa amradofoɔ dumienu no edin na ɛdidi soɔ yi: Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔ asase so. 9Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.