1 Ahemfo 4:5
1 Kings 4:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansini amradofoɔ titenani. Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ no, na na ɔyɛ ɔhene fotufoɔ a ɔde ne ho to ne so.
1 Kings 4:5 in English
1 Kings 4:5 · Berean Standard Bible
Azariah son of Nathan was in charge of the governors; Zabud son of Nathan was a priest and adviser to the king;
Context
3Sisa mmammarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asɛnniiɛ atwerɛfoɔ.
Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛm twerɛfoɔ. 4Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ akodɔm sahene.
Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfoɔ. 5Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansini amradofoɔ titenani.
Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ no, na na ɔyɛ ɔhene fotufoɔ a ɔde ne ho to ne so. 6Ahisar na na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ.
Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so. 7Na Salomo wɔ amansini amradofoɔ dumienu wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔgye nnuane firi ɔmanfoɔ nkyɛn de kɔma ahemfiefoɔ. Wɔn mu biara hwɛ, di saa dwuma yi ɔbosome baako wɔ afe biara mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.