Native Bible

1 Kings 4:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ahisar na na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ. Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so.

1 Kings 4:6 in English

1 Kings 4:6 · Berean Standard Bible

Ahishar was in charge of the palace; and Adoniram * son of Abda was in charge of the forced labor.

Context

4Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ akodɔm sahene. Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfoɔ. 5Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansini amradofoɔ titenani. Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ no, na na ɔyɛ ɔhene fotufoɔ a ɔde ne ho to ne so. 6Ahisar na na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ. Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so. 7Na Salomo wɔ amansini amradofoɔ dumienu wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔgye nnuane firi ɔmanfoɔ nkyɛn de kɔma ahemfiefoɔ. Wɔn mu biara hwɛ, di saa dwuma yi ɔbosome baako wɔ afe biara mu. 8Saa amradofoɔ dumienu no edin na ɛdidi soɔ yi: Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔ asase so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.