1 Ahemfo 4:9
1 Kings 4:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so.
1 Kings 4:9 in English
1 Kings 4:9 · Berean Standard Bible
Ben-deker in Makaz, in Shaalbim, in Beth-shemesh, and in Elon-beth-hanan;
Context
7Na Salomo wɔ amansini amradofoɔ dumienu wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔgye nnuane firi ɔmanfoɔ nkyɛn de kɔma ahemfiefoɔ. Wɔn mu biara hwɛ, di saa dwuma yi ɔbosome baako wɔ afe biara mu. 8Saa amradofoɔ dumienu no edin na ɛdidi soɔ yi:
Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔ asase so. 9Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so. 10Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so. 11Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babaa Tafat).
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.