1 Berɛsosɛm 5:12
1 Chronicles 5:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Yoɛl na ɔtua wɔn ano wɔ Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat yɛ nʼaboafoɔ.
1 Chronicles 5:12 in English
1 Chronicles 5:12 · Berean Standard Bible
Joel was the chief, Shapham the second, then Jaanai and Shaphat, who lived in Bashan.
Context
10Ɔhene Saulo pɛn so, Rubenfoɔ dii Hagarfoɔ* so nkonim wɔ ɔko mu. Enti, wɔtu kɔɔ Hagarfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Gilead apueeɛ fam hɔ no. 11Basan asase so no, na Gad asefoɔ na wɔtete asase a ɛdi Rubenfoɔ deɛ no so. Wɔtrɛ kɔɔ apueeɛ fam kɔsii Saleka. 12Na Yoɛl na ɔtua wɔn ano wɔ Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat yɛ nʼaboafoɔ. 13Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ ntuanofoɔ ma mmusua afoforɔ nson din ne:
Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber. 14Yeinom nyinaa yɛ Huri babarima Abihail a ɔyɛ Yaroa babarima, Gilead babarima, Mikael babarima, Yesisai babarima Yahdo babarima, Bus babarima.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.