Native Bible

1 Chronicles 5:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ ntuanofoɔ ma mmusua afoforɔ nson din ne: Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber.

1 Chronicles 5:13 in English

1 Chronicles 5:13 · Berean Standard Bible

Their kinsmen by families were Michael, Meshullam, Sheba, Jorai, Jacan, Zia, and Eber—seven in all.

Context

11Basan asase so no, na Gad asefoɔ na wɔtete asase a ɛdi Rubenfoɔ deɛ no so. Wɔtrɛ kɔɔ apueeɛ fam kɔsii Saleka. 12Na Yoɛl na ɔtua wɔn ano wɔ Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat yɛ nʼaboafoɔ. 13Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ ntuanofoɔ ma mmusua afoforɔ nson din ne: Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber. 14Yeinom nyinaa yɛ Huri babarima Abihail a ɔyɛ Yaroa babarima, Gilead babarima, Mikael babarima, Yesisai babarima Yahdo babarima, Bus babarima. 15Abdiel babarima Ahi, Guni babarima no na na ɔyɛ wɔn mmusua no ntuanoni.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.