1 Berɛsosɛm 5:11
1 Chronicles 5:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Basan asase so no, na Gad asefoɔ na wɔtete asase a ɛdi Rubenfoɔ deɛ no so. Wɔtrɛ kɔɔ apueeɛ fam kɔsii Saleka.
1 Chronicles 5:11 in English
1 Chronicles 5:11 · Berean Standard Bible
The descendants of Gad lived next to the Reubenites in the land of Bashan, as far as Salecah:
Context
9Esiane sɛ na wɔwɔ anantwie bebree wɔ Gilead asase so no enti, wɔdidi kɔɔ apueeɛ fam wɔ anweatam a ɛtrɛ kɔ Asubɔnten Eufrate no ho. 10Ɔhene Saulo pɛn so, Rubenfoɔ dii Hagarfoɔ* so nkonim wɔ ɔko mu. Enti, wɔtu kɔɔ Hagarfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Gilead apueeɛ fam hɔ no. 11Basan asase so no, na Gad asefoɔ na wɔtete asase a ɛdi Rubenfoɔ deɛ no so. Wɔtrɛ kɔɔ apueeɛ fam kɔsii Saleka. 12Na Yoɛl na ɔtua wɔn ano wɔ Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat yɛ nʼaboafoɔ. 13Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ ntuanofoɔ ma mmusua afoforɔ nson din ne:
Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.