Native Bible

1 Chronicles 29:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam, nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao Awurade. Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea, Ao Awurade, na ahennie yi nso wɔ wo. Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ.

1 Chronicles 29:11 in English

1 Chronicles 29:11 · Berean Standard Bible

Yours, O LORD, is the greatness and the power and the glory and the splendor and the majesty, for everything in heaven and on earth belongs to You. Yours, O LORD, is the kingdom, and You are exalted as head over all.

Context

9Nnipa no ani gyee ɔma no ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri ɔpɛ pa ne akoma pa mu na wɔyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yie. 10Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ, “Ao Awurade, yɛn agya Israel Onyankopɔn, ayɛyie nka wo daa nyinaa. 11Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam, nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao Awurade. Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea, Ao Awurade, na ahennie yi nso wɔ wo. Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ. 12Ahonya ne animuonyam firi wo nko ara, ɛfiri sɛ, woyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ. Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam na wopɛ mu na wofiri ma nnipa yɛ kɛseɛ na wɔnya ahoɔden. 13Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛda wo ase, na yɛkamfo wo din kronkron no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.