1 Berɛsosɛm 29:10
1 Chronicles 29:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ, “Ao Awurade, yɛn agya Israel Onyankopɔn, ayɛyie nka wo daa nyinaa.
1 Chronicles 29:10 in English
1 Chronicles 29:10 · Berean Standard Bible
Then David blessed the LORD in the sight of all the assembly and said: “May You be blessed, O LORD, God of our father Israel, from everlasting to everlasting.
Context
8Wɔmaa aboɔdemmoɔ bebree a wɔkɔkoraa no wɔ sikakorabea a ɛwɔ Awurade fie maa Yehiel a ɔyɛ Gerson aseni hwɛɛ so. 9Nnipa no ani gyee ɔma no ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri ɔpɛ pa ne akoma pa mu na wɔyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yie. 10Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ,
“Ao Awurade,
yɛn agya Israel Onyankopɔn,
ayɛyie nka wo daa nyinaa. 11Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam,
nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao Awurade.
Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea,
Ao Awurade, na ahennie yi nso wɔ wo.
Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ. 12Ahonya ne animuonyam firi wo nko ara,
ɛfiri sɛ, woyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ.
Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam
na wopɛ mu na wofiri ma nnipa yɛ kɛseɛ na wɔnya ahoɔden.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.