1 Berɛsosɛm 29:9
1 Chronicles 29:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnipa no ani gyee ɔma no ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri ɔpɛ pa ne akoma pa mu na wɔyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yie.
1 Chronicles 29:9 in English
1 Chronicles 29:9 · Berean Standard Bible
And the people rejoiced at the willing response of their leaders, for they had given to the LORD freely and wholeheartedly. And King David also rejoiced greatly.
Context
7Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 188, sika ankasa ɔpedu, ɛnna dwetɛ bɛyɛ tɔno 375, kɔbere mfrafraeɛ bɛyɛ tɔno 675 ne nnadeɛ bɛyɛ tɔno 3,750, de boaa Asɔredan no sie. 8Wɔmaa aboɔdemmoɔ bebree a wɔkɔkoraa no wɔ sikakorabea a ɛwɔ Awurade fie maa Yehiel a ɔyɛ Gerson aseni hwɛɛ so. 9Nnipa no ani gyee ɔma no ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri ɔpɛ pa ne akoma pa mu na wɔyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yie. 10Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ,
“Ao Awurade,
yɛn agya Israel Onyankopɔn,
ayɛyie nka wo daa nyinaa. 11Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam,
nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao Awurade.
Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea,
Ao Awurade, na ahennie yi nso wɔ wo.
Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.