Native Bible

1 Chronicles 29:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛda wo ase, na yɛkamfo wo din kronkron no.

1 Chronicles 29:13 in English

1 Chronicles 29:13 · Berean Standard Bible

Now therefore, our God, we give You thanks, and we praise Your glorious name.

Context

11Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam, nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao Awurade. Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea, Ao Awurade, na ahennie yi nso wɔ wo. Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ. 12Ahonya ne animuonyam firi wo nko ara, ɛfiri sɛ, woyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ. Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam na wopɛ mu na wofiri ma nnipa yɛ kɛseɛ na wɔnya ahoɔden. 13Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛda wo ase, na yɛkamfo wo din kronkron no. 14“Na me ne hwan na me nkurɔfoɔ ne nnipa bɛn a yɛtumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no firi wo nkyɛn, na deɛ yɛde ma wo no yɛ deɛ wode ama yɛn dada. 15Yɛwɔ ha mmerɛ tiawa bi sɛ nsrahwɛfoɔ ne ahɔhoɔ wɔ asase a yɛn agyanom dii ɛkan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsumma a ɛtwam kɔ ntɛm so a wɔnhunu bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.