Sefania 1:5
Zephaniah 1:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
wɔn a wɔkoto sɔre wɔn adan atifi, de sɔre abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem, wɔn a wɔkoto de Awurade ka ntam na wɔde Molek nso ka ntam,
Zephaniah 1:5 in English
Zephaniah 1:5 · Berean Standard Bible
those who bow on the rooftops to worship the host of heaven, those who bow down and swear by the LORD but also swear by Milcom,*
Context
3“Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa;
mɛpra nnomaa a wɔwɔ ewiem
ne mpataa a wɔwɔ ɛpo mu nyinaa.
Atirimuɔdenfoɔ bɛnya wira a ɛsum hɔ nko ara
sɛ mesɛe adasamma a wɔwɔ asase yi so a,”
deɛ Awurade seɛ nie. 4“Mɛtene me nsa wɔ Yuda
ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so;
na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha,
na masɛe abosonsomfoɔ ne abosomfoɔ asɔfoɔ no din 5wɔn a wɔkoto sɔre wɔn adan atifi,
de sɔre abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem,
wɔn a wɔkoto de Awurade ka ntam
na wɔde Molek nso ka ntam, 6wɔn nso a wɔgyae Awurade akyiridie
na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wɔmmisa nʼase.” 7Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim,
ɛfiri sɛ, Awurade ɛda no abɛn.
Awurade asiesie afɔrebɔdeɛ;
wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.