Native Bible

Zephaniah 1:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa; mɛpra nnomaa a wɔwɔ ewiem ne mpataa a wɔwɔ ɛpo mu nyinaa. Atirimuɔdenfoɔ bɛnya wira a ɛsum hɔ nko ara sɛ mesɛe adasamma a wɔwɔ asase yi so a,” deɛ Awurade seɛ nie.

Zephaniah 1:3 in English

Zephaniah 1:3 · Berean Standard Bible

“I will sweep away man and beast; I will sweep away the birds of the air, and the fish of the sea, and the idols with their wicked worshipers.* I will cut off mankind from the face of the earth,” declares the LORD.

Context

1Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn nie. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ so. 2“Mɛpra biribiara afiri asase so” deɛ Awurade seɛ nie, 3“Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa; mɛpra nnomaa a wɔwɔ ewiem ne mpataa a wɔwɔ ɛpo mu nyinaa. Atirimuɔdenfoɔ bɛnya wira a ɛsum hɔ nko ara sɛ mesɛe adasamma a wɔwɔ asase yi so a,” deɛ Awurade seɛ nie. 4“Mɛtene me nsa wɔ Yuda ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so; na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha, na masɛe abosonsomfoɔ ne abosomfoɔ asɔfoɔ no din 5wɔn a wɔkoto sɔre wɔn adan atifi, de sɔre abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem, wɔn a wɔkoto de Awurade ka ntam na wɔde Molek nso ka ntam,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.