Native Bible

Zephaniah 1:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim, ɛfiri sɛ, Awurade ɛda no abɛn. Awurade asiesie afɔrebɔdeɛ; wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.

Zephaniah 1:7 in English

Zephaniah 1:7 · Berean Standard Bible

Be silent in the presence of the Lord GOD, for the Day of the LORD is near. Indeed, the LORD has prepared a sacrifice; He has consecrated His guests.

Context

5wɔn a wɔkoto sɔre wɔn adan atifi, de sɔre abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem, wɔn a wɔkoto de Awurade ka ntam na wɔde Molek nso ka ntam, 6wɔn nso a wɔgyae Awurade akyiridie na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wɔmmisa nʼase.” 7Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim, ɛfiri sɛ, Awurade ɛda no abɛn. Awurade asiesie afɔrebɔdeɛ; wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho. 8“Awurade afɔrebɔ ɛda no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma ne wɔn a wɔhyehyɛ ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso. 9Saa ɛda no mɛtwe wɔn a wɔkwati aponnwa no nyinaa aso. Wɔn a wɔde akakabensɛm ne nsisie hyehyɛ wɔn abosomfie ma no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.