Sakaria 9:12
Zechariah 9:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monsane nkɔ mʼaban mu, Ao nneduafoɔ a mowɔ anidasoɔ; seesei mpo merebɔ mo nkaeɛ sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho.
Zechariah 9:12 in English
Zechariah 9:12 · Berean Standard Bible
Return to your stronghold, O prisoners of hope; even today I declare that I will restore to you double.
Context
10Mɛgye nteaseɛnam afiri Efraim
ne akofoɔ apɔnkɔ afiri Yerusalem,
na akodie tadua no wɔbɛbubu mu.
Ɔbɛpae mu aka asomdwoeɛ nsɛm akyerɛ aman no.
Nʼahennie bɛfiri ɛpo akɔka ɛpo
ɛbɛfiri Asubɔnten no akɔpem nsase ano. 11Na wo deɛ, ɛsiane me ne wo mogya apam no enti,
mɛyi wo nneduafoɔ afiri amena a nsuo nni mu. 12Monsane nkɔ mʼaban mu, Ao nneduafoɔ a mowɔ anidasoɔ;
seesei mpo merebɔ mo nkaeɛ sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho. 13Mɛkoa Yuda sɛdeɛ mekoa me tadua
na mede Efraim bɛhyɛ mu.
Mɛkanyane wo mmammarima, Ao Sion,
atia wo Hela mmammarima,
na mɛyɛ wo sɛ ɔkofoɔ akofena. 14Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔn so;
nʼagyan bɛtwa yerɛ te sɛ anyinam.
Otumfoɔ Awurade bɛhyɛn totorobɛnto no;
ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔeɛ fam ahum mu,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.