Native Bible

Zechariah 9:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛgye nteaseɛnam afiri Efraim ne akofoɔ apɔnkɔ afiri Yerusalem, na akodie tadua no wɔbɛbubu mu. Ɔbɛpae mu aka asomdwoeɛ nsɛm akyerɛ aman no. Nʼahennie bɛfiri ɛpo akɔka ɛpo ɛbɛfiri Asubɔnten no akɔpem nsase ano.

Zechariah 9:10 in English

Zechariah 9:10 · Berean Standard Bible

And I will cut off the chariot from Ephraim * and the horse from Jerusalem, and the bow of war will be broken. Then He will proclaim peace to the nations. His dominion will extend from sea to sea, and from the Euphrates * to the ends of the earth.

Context

8Nanso mɛbɔ me Fie ho ban wɔ wɔn a wɔtetɛ bɔ korɔno ho. Ɔhyɛsofoɔ biara ntumi mfa me nkurɔfoɔ so bio, ɛfiri sɛ afei merewɛn. 9Di ahurisie Ao, Ɔbabaa Sion! Team, Ɔbabaa Yerusalem! Hwɛ, wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔtene na ɔwɔ nkwagyeɛ, ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumu ba so na ɔteɛ. 10Mɛgye nteaseɛnam afiri Efraim ne akofoɔ apɔnkɔ afiri Yerusalem, na akodie tadua no wɔbɛbubu mu. Ɔbɛpae mu aka asomdwoeɛ nsɛm akyerɛ aman no. Nʼahennie bɛfiri ɛpo akɔka ɛpo ɛbɛfiri Asubɔnten no akɔpem nsase ano. 11Na wo deɛ, ɛsiane me ne wo mogya apam no enti, mɛyi wo nneduafoɔ afiri amena a nsuo nni mu. 12Monsane nkɔ mʼaban mu, Ao nneduafoɔ a mowɔ anidasoɔ; seesei mpo merebɔ mo nkaeɛ sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.