Native Bible

Zechariah 9:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛkoa Yuda sɛdeɛ mekoa me tadua na mede Efraim bɛhyɛ mu. Mɛkanyane wo mmammarima, Ao Sion, atia wo Hela mmammarima, na mɛyɛ wo sɛ ɔkofoɔ akofena.

Zechariah 9:13 in English

Zechariah 9:13 · Berean Standard Bible

For I will bend Judah as My bow and fit it with Ephraim. I will rouse your sons, O Zion, against the sons of Greece.* I will make you like the sword of a mighty man.

Context

11Na wo deɛ, ɛsiane me ne wo mogya apam no enti, mɛyi wo nneduafoɔ afiri amena a nsuo nni mu. 12Monsane nkɔ mʼaban mu, Ao nneduafoɔ a mowɔ anidasoɔ; seesei mpo merebɔ mo nkaeɛ sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho. 13Mɛkoa Yuda sɛdeɛ mekoa me tadua na mede Efraim bɛhyɛ mu. Mɛkanyane wo mmammarima, Ao Sion, atia wo Hela mmammarima, na mɛyɛ wo sɛ ɔkofoɔ akofena. 14Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔn so; nʼagyan bɛtwa yerɛ te sɛ anyinam. Otumfoɔ Awurade bɛhyɛn totorobɛnto no; ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔeɛ fam ahum mu, 15Asafo Awurade bɛyɛ ɛkyɛm ama wɔn. Wɔde ahwimmoɔ bɛsɛe na wɔde adi nkonim. Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛdeɛ wɔanom nsã; wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a wɔde pete afɔrebukyia ntweaso.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.