Native Bible

Zechariah 14:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛda no, hann, awɔ ne nsukyeneeɛ remma.

Zechariah 14:6 in English

Zechariah 14:6 · Berean Standard Bible

On that day there will be no light, no cold or frost.

Context

4Saa ɛda no, ɔde nʼanammɔn bɛsisi Ngo Bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no so, na Ngo Bepɔ no mu bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam na ayɛ bɔnhwa kɛseɛ. Ɛbɛma bepɔ no fa akɔ atifi fam, na ɛfa nso akɔ anafoɔ fam. 5Mobɛdwane afa me bɔnhwa no mu, ɛfiri sɛ, ɛkɔsi Asel.* Mobɛdwane, sɛdeɛ moyɛɛ no ɛberɛ a asase wosooɛ wɔ Yudahene Usia berɛ so no. Afei, Awurade, me Onyankopɔn bɛba a ahotefoɔ nyinaa ka ne ho. 6Saa ɛda no, hann, awɔ ne nsukyeneeɛ remma. 7Ɛbɛyɛ ɛda soronko a ɛnni awiaberɛ anaa anadwo, ɛda a Awurade na ɔnim. Onwunu bɛdwoɔ no na hann wɔ hɔ. 8Saa ɛda no, nkwa nsuo bɛtene afiri Yerusalem. Ɛfa bɛkɔ apueeɛ ɛpo* mu, na ɛfa akɔ atɔeɛ ɛpo* mu, ahuhuro ne awɔ berɛ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.