Sakaria 14:8
Zechariah 14:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɛda no, nkwa nsuo bɛtene afiri Yerusalem. Ɛfa bɛkɔ apueeɛ ɛpo* mu, na ɛfa akɔ atɔeɛ ɛpo* mu, ahuhuro ne awɔ berɛ mu.
Zechariah 14:8 in English
Zechariah 14:8 · Berean Standard Bible
And on that day living water will flow out from Jerusalem, half of it toward the Eastern Sea * and the other half toward the Western Sea,* in summer and winter alike.
Context
6Saa ɛda no, hann, awɔ ne nsukyeneeɛ remma. 7Ɛbɛyɛ ɛda soronko a ɛnni awiaberɛ anaa anadwo, ɛda a Awurade na ɔnim. Onwunu bɛdwoɔ no na hann wɔ hɔ. 8Saa ɛda no, nkwa nsuo bɛtene afiri Yerusalem. Ɛfa bɛkɔ apueeɛ ɛpo* mu, na ɛfa akɔ atɔeɛ ɛpo* mu, ahuhuro ne awɔ berɛ mu. 9Awurade bɛdi ɔhene wɔ asase nyinaa so. Saa ɛda no, Awurade bɛyɛ baako na ne din nso ayɛ baako pɛ. 10Asase a ɛfiri Geba kɔsi Rimon a ɛda Yerusalem anafoɔ fam nyinaa bɛyɛ asase tamaa sɛ Araba. Nanso, wɔbɛma Yerusalem so ama nnipa atena hɔ afiri Benyamin Ɛpono akɔsi Ɛpono A Ɛdi Ɛkan, de akɔsi Ntweasoɔ Ɛpono ne Hananel Abantenten de akɔsi ɔhene no nsakyimena no ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.