Native Bible

Zechariah 14:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛbɛyɛ ɛda soronko a ɛnni awiaberɛ anaa anadwo, ɛda a Awurade na ɔnim. Onwunu bɛdwoɔ no na hann wɔ hɔ.

Zechariah 14:7 in English

Zechariah 14:7 · Berean Standard Bible

It will be a day known only to the LORD, without day or night; but when evening comes, there will be light.

Context

5Mobɛdwane afa me bɔnhwa no mu, ɛfiri sɛ, ɛkɔsi Asel.* Mobɛdwane, sɛdeɛ moyɛɛ no ɛberɛ a asase wosooɛ wɔ Yudahene Usia berɛ so no. Afei, Awurade, me Onyankopɔn bɛba a ahotefoɔ nyinaa ka ne ho. 6Saa ɛda no, hann, awɔ ne nsukyeneeɛ remma. 7Ɛbɛyɛ ɛda soronko a ɛnni awiaberɛ anaa anadwo, ɛda a Awurade na ɔnim. Onwunu bɛdwoɔ no na hann wɔ hɔ. 8Saa ɛda no, nkwa nsuo bɛtene afiri Yerusalem. Ɛfa bɛkɔ apueeɛ ɛpo* mu, na ɛfa akɔ atɔeɛ ɛpo* mu, ahuhuro ne awɔ berɛ mu. 9Awurade bɛdi ɔhene wɔ asase nyinaa so. Saa ɛda no, Awurade bɛyɛ baako na ne din nso ayɛ baako pɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.