Nnwom Mu Dwom 8:5
Song of Songs 8:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba a ɔtwere ne dɔfoɔ kokom yi?
Song of Songs 8:5 in English
Song of Songs 8:5 · Berean Standard Bible
Who is this coming up from the wilderness, leaning on her beloved?
Context
3Ne nsa benkum da mʼatikɔ
na ne nsa nifa aka me afam ne bo. 4Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ,
morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mu
kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu. 5Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba a
ɔtwere ne dɔfoɔ kokom yi? 6(5) Mekanyanee wo wɔ aprɛ dua no ase;
ɛhɔ na wo maame nyinsɛnee woɔ,
ɛhɔ na deɛ ɔkoo awoɔ no woo woɔ.
(6) Fa me to wʼakoma so sɛ nsɔanodeɛ,
sɛ nsɔanodeɛ wɔ wʼabasa so,
ɛfiri sɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owuo,
ne ninkunutweɛ tim hɔ sɛ damena.
Ɛhyehye sɛ ogyadɛreɛ,
sɛ ogyaframa a ano yɛ den pa ara. 7Nsuo dodoɔ rentumi nnum ɔdɔ;
nsubɔntene rentumi nhohoro nkɔ.
Sɛ obi de ne fie ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a
anka wɔremmu no adeɛ a ɛsom bo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.