Nnwom Mu Dwom 8:7
Song of Songs 8:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nsuo dodoɔ rentumi nnum ɔdɔ; nsubɔntene rentumi nhohoro nkɔ. Sɛ obi de ne fie ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a anka wɔremmu no adeɛ a ɛsom bo.
Song of Songs 8:7 in English
Song of Songs 8:7 · Berean Standard Bible
Mighty waters cannot quench love; rivers cannot sweep it away. If a man were to give all the wealth of his house for love, his offer would be utterly scorned.
Context
5Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba a
ɔtwere ne dɔfoɔ kokom yi? 6(5) Mekanyanee wo wɔ aprɛ dua no ase;
ɛhɔ na wo maame nyinsɛnee woɔ,
ɛhɔ na deɛ ɔkoo awoɔ no woo woɔ.
(6) Fa me to wʼakoma so sɛ nsɔanodeɛ,
sɛ nsɔanodeɛ wɔ wʼabasa so,
ɛfiri sɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owuo,
ne ninkunutweɛ tim hɔ sɛ damena.
Ɛhyehye sɛ ogyadɛreɛ,
sɛ ogyaframa a ano yɛ den pa ara. 7Nsuo dodoɔ rentumi nnum ɔdɔ;
nsubɔntene rentumi nhohoro nkɔ.
Sɛ obi de ne fie ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a
anka wɔremmu no adeɛ a ɛsom bo. 8Yɛwɔ nuabaa akumaa bi a,
ne nufu mmobɔeɛ.
Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa yi
wɔ da a wɔbɛbisa no ase? 9Sɛ ɔyɛ ɔfasuo a,
yɛbɛsi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban.
Sɛ ɔyɛ ɛpono a,
yɛde ntweneduro bɛsi ne ɛpono no kwan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.