Nnwom Mu Dwom 5:11
Song of Songs 5:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ amapa; ne tiri so nwi yɛ kuhaa, na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi.
Song of Songs 5:11 in English
Song of Songs 5:11 · Berean Standard Bible
His head is purest gold; his hair is wavy and black as a raven.
Context
9Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ,
mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ?
Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ a
enti wohyɛ yɛn sei? 10Me dɔfoɔ ho twa na ɔgyegye,
wɔfa mpemdu a ɔda mu fua. 11Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ amapa;
ne tiri so nwi yɛ kuhaa,
na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi. 12Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a
ɔgyina asuwa bi ho;
ɛte sɛ deɛ wɔde nufosuo adware no,
na ɛsisi hɔ sɛ abohemaa. 13Nʼafono te sɛ pɛperɛ a wɔasɛ no kɛtɛ.
Ɛho hwa te sɛ aduhwam.
Nʼanofafa te sɛ sukooko
a ɛsosɔ kurobo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.