Nnwom Mu Dwom 5:9
Song of Songs 5:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ, mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ? Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ a enti wohyɛ yɛn sei?
Song of Songs 5:9 in English
Song of Songs 5:9 · Berean Standard Bible
How is your beloved better than others, O most beautiful among women? How is your beloved better than another, that you charge us so?
Context
7Awɛmfoɔ no hunuu me
ɛberɛ a wɔrebɔ aporɔ wɔ kuropɔn no mu.
Wɔbobɔɔ me pirapiraa me;
wɔyii mʼatadeɛ kɔreɛ
saa awɛmfoɔ a wɔwɛn afasuo no! 8Ao, Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo,
sɛ mohunu me dɔfoɔ no a,
asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no?
Monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔ ama matɔ piti. 9Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ,
mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ?
Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ a
enti wohyɛ yɛn sei? 10Me dɔfoɔ ho twa na ɔgyegye,
wɔfa mpemdu a ɔda mu fua. 11Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ amapa;
ne tiri so nwi yɛ kuhaa,
na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.