Native Bible

Song of Songs 5:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me dɔfoɔ ho twa na ɔgyegye, wɔfa mpemdu a ɔda mu fua.

Song of Songs 5:10 in English

Song of Songs 5:10 · Berean Standard Bible

My beloved is dazzling and ruddy, outstanding among ten thousand.

Context

8Ao, Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo, sɛ mohunu me dɔfoɔ no a, asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no? Monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔ ama matɔ piti. 9Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ, mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ? Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ a enti wohyɛ yɛn sei? 10Me dɔfoɔ ho twa na ɔgyegye, wɔfa mpemdu a ɔda mu fua. 11Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ amapa; ne tiri so nwi yɛ kuhaa, na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi. 12Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a ɔgyina asuwa bi ho; ɛte sɛ deɛ wɔde nufosuo adware no, na ɛsisi hɔ sɛ abohemaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.