Nnwom Mu Dwom 2:11
Song of Songs 2:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ! Awɔberɛ atwam; na osutɔ atwam kɔ.
Song of Songs 2:11 in English
Song of Songs 2:11 · Berean Standard Bible
For now the winter is past; the rain is over and gone.
Context
9Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteɛ.
Hwɛ! Ɔgyina yɛn ɔfasuo akyi,
ɔhwɛ mpomma no mu,
wagyene nʼani hwɛ ntokua no mu. 10Me dɔfoɔ kasa kyerɛɛ me sɛ,
“Sɔre, me dɔfoɔ ne mʼahoɔfɛ
na bra me nkyɛn. 11Hwɛ! Awɔberɛ atwam;
na osutɔ atwam kɔ. 12Nhwiren afifiri asase ani:
nnwontoɔ berɛ aso.
Wɔte mmorɔnoma su
wɔ yɛn asase so. 13Borɔdɔma agu nhyerɛnne;
na bobe hwa agye baabiara.
Sɔre bra, me dɔfoɔ;
mʼahoɔfɛ bra me nkyɛn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.