Nnwom Mu Dwom 2:9
Song of Songs 2:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteɛ. Hwɛ! Ɔgyina yɛn ɔfasuo akyi, ɔhwɛ mpomma no mu, wagyene nʼani hwɛ ntokua no mu.
Song of Songs 2:9 in English
Song of Songs 2:9 · Berean Standard Bible
My beloved is like a gazelle or a young stag. Look, he stands behind our wall, gazing through the windows, peering through the lattice.
Context
7Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ,
Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nka ntam sɛ
morennyane, na morenhwanyane ɔdɔ mu
kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu. 8Tie! Me dɔfoɔ!
Hwɛ! Ɔno na ɔreba no,
ɔrehurihuri wɔ mmepɔ no so
na ɔbɔ pentenkwa wɔ nkokoɔ no so. 9Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteɛ.
Hwɛ! Ɔgyina yɛn ɔfasuo akyi,
ɔhwɛ mpomma no mu,
wagyene nʼani hwɛ ntokua no mu. 10Me dɔfoɔ kasa kyerɛɛ me sɛ,
“Sɔre, me dɔfoɔ ne mʼahoɔfɛ
na bra me nkyɛn. 11Hwɛ! Awɔberɛ atwam;
na osutɔ atwam kɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.