Native Bible

Romans 9:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, Israelfoɔ a wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so bɛsɔ Onyankopɔn ani no mpo, Onyankopɔn annye wɔn anto mu.

Romans 9:31 in English

Romans 9:31 · Berean Standard Bible

but Israel, who pursued a law of righteousness, has not attained it.

Context

29Yesaia nso kaa sɛ, “Sɛ Awurade Otumfoɔ no annya yɛn asefoɔ a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.” 30Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufoɔ a wɔanhwehwɛ tenenee akyiri kwan no nam gyidie so yɛɛ ateneneefoɔ; 31Nanso, Israelfoɔ a wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so bɛsɔ Onyankopɔn ani no mpo, Onyankopɔn annye wɔn anto mu. 32Adɛn enti na ɛbaa saa? Ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so sɔ Onyankopɔn ani, nanso, mmom anka ɛsɛ sɛ wɔnya gyidie wɔ Onyankopɔn mu. Wɔsuntii “suntiboɔ” no. 33Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Hwɛ, Mede ɛboɔ a ɛma nnipa sunti ato Sion ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase, na deɛ ɔde ne ho to no soɔ no anim rengu ase da.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.