Romafoɔ 9:30
Romans 9:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufoɔ a wɔanhwehwɛ tenenee akyiri kwan no nam gyidie so yɛɛ ateneneefoɔ;
Romans 9:30 in English
Romans 9:30 · Berean Standard Bible
What then will we say? That the Gentiles, who did not pursue righteousness, have obtained it, a righteousness that is by faith;
Context
28Ɛfiri sɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛdeɛ ɛteɛ biara,
ɔbɛyɛ deɛ wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no.” 29Yesaia nso kaa sɛ,
“Sɛ Awurade Otumfoɔ no
annya yɛn asefoɔ a,
anka yɛayɛ sɛ Sodom,
na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.” 30Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufoɔ a wɔanhwehwɛ tenenee akyiri kwan no nam gyidie so yɛɛ ateneneefoɔ; 31Nanso, Israelfoɔ a wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so bɛsɔ Onyankopɔn ani no mpo, Onyankopɔn annye wɔn anto mu. 32Adɛn enti na ɛbaa saa? Ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so sɔ Onyankopɔn ani, nanso, mmom anka ɛsɛ sɛ wɔnya gyidie wɔ Onyankopɔn mu. Wɔsuntii “suntiboɔ” no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.