Romafoɔ 9:28
Romans 9:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛyɛ deɛ wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no.”
Romans 9:28 in English
Romans 9:28 · Berean Standard Bible
For the Lord will carry out His sentence on the earth thoroughly and decisively.”*
Context
26na
“Beaeɛ korɔ no ara a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no,
ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’ ” 27Na Yesaia dii Israelfoɔ ho yea sɛ,
“Sɛ Israelfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea mpo a,
wɔn mu kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa. 28Ɛfiri sɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛdeɛ ɛteɛ biara,
ɔbɛyɛ deɛ wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no.” 29Yesaia nso kaa sɛ,
“Sɛ Awurade Otumfoɔ no
annya yɛn asefoɔ a,
anka yɛayɛ sɛ Sodom,
na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.” 30Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufoɔ a wɔanhwehwɛ tenenee akyiri kwan no nam gyidie so yɛɛ ateneneefoɔ;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.