Romafoɔ 9:26
Romans 9:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na “Beaeɛ korɔ no ara a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’ ”
Romans 9:26 in English
Romans 9:26 · Berean Standard Bible
and, “It will happen that in the very place where it was said to them, ‘You are not My people,’ they will be called ‘sons of the living God.’”*
Context
24Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn firii Yudafoɔ mu nkoa, na mmom, amanamanmufoɔ nso. 25Wɔka wɔ Hosea nwoma mu sɛ,
“Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me nkurɔfoɔ no ‘me nkurɔfoɔ’,
na deɛ ɔnyɛ me dɔfoɔ no mɛfrɛ no ‘me dɔfoɔ,’ ” 26na
“Beaeɛ korɔ no ara a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no,
ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’ ” 27Na Yesaia dii Israelfoɔ ho yea sɛ,
“Sɛ Israelfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea mpo a,
wɔn mu kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa. 28Ɛfiri sɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛdeɛ ɛteɛ biara,
ɔbɛyɛ deɛ wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.