Romafoɔ 4:8
Romans 4:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nhyira nka onipa a AWURADE mmu ne bɔne nngu ne so da.”
Romans 4:8 in English
Romans 4:8 · Berean Standard Bible
Blessed is the man whose sin the Lord will never count against him.”*
Context
6Dawid ka asɛm korɔ no ara sɛ, nhyira a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ba onipa a Onyankopɔn agye no ato mu so. Saa nhyira yi mfiri nnipa nnwuma mu. Ɛno enti Dawid kaa sɛ: 7“Nhyira ne wɔn a
wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn,
na wɔakata wɔn bɔne so. 8Nhyira nka onipa a
AWURADE mmu ne bɔne nngu ne so da.” 9Saa anigyeɛ a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafoɔ nko anaa? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wɔntwaa twetia no; ɛfiri sɛ, yɛakenkan afiri Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni.” 10Ɛberɛ bɛn na saa asɛm yi siiɛ? Ɛsiiɛ ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ? Ɛsiiɛ ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.