Native Bible

Romans 4:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so.

Romans 4:7 in English

Romans 4:7 · Berean Standard Bible

“Blessed are they whose lawless acts are forgiven, whose sins are covered.

Context

5Ɛnyɛ nnwuma bi a onipa yɛ na ɛbɛma Onyankopɔn abu no bem. Onyankopɔn gye nnebɔneyɛfoɔ to mu ɛfiri sɛ wɔwɔ gyidie wɔ ne mu. 6Dawid ka asɛm korɔ no ara sɛ, nhyira a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ba onipa a Onyankopɔn agye no ato mu so. Saa nhyira yi mfiri nnipa nnwuma mu. Ɛno enti Dawid kaa sɛ: 7“Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so. 8Nhyira nka onipa a AWURADE mmu ne bɔne nngu ne so da.” 9Saa anigyeɛ a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafoɔ nko anaa? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wɔntwaa twetia no; ɛfiri sɛ, yɛakenkan afiri Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.