Romafoɔ 4:10
Romans 4:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ bɛn na saa asɛm yi siiɛ? Ɛsiiɛ ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ? Ɛsiiɛ ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ.
Romans 4:10 in English
Romans 4:10 · Berean Standard Bible
In what context was it credited? Was it after his circumcision, or before? It was not after, but before.*
Context
8Nhyira nka onipa a
AWURADE mmu ne bɔne nngu ne so da.” 9Saa anigyeɛ a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafoɔ nko anaa? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wɔntwaa twetia no; ɛfiri sɛ, yɛakenkan afiri Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni.” 10Ɛberɛ bɛn na saa asɛm yi siiɛ? Ɛsiiɛ ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ? Ɛsiiɛ ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ. 11Akyire no na wɔtwaa no twetia, na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ Honhom mu agya ma wɔn a wɔgye Onyankopɔn di nyinaa na wɔagye wɔn sɛ ateneneefoɔ a nso wɔntwaa wɔn twetia. 12Saa ara nso na Abraham yɛ agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidie sɛdeɛ na Abraham wɔ gyidie ansa na wɔretwa no twetia no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.