Adiyisɛm 7:10
Revelation 7:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔteaam sɛ, “Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Onyankopɔn a ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no.”
Revelation 7:10 in English
Revelation 7:10 · Berean Standard Bible
And they cried out in a loud voice: “Salvation to our God, who sits on the throne, and to the Lamb!”
Context
8Sebulon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Yosef abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Benyamin abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000). 9Yei akyi no, mehunuu nnipakuo a obiara ntumi nkan wɔn dodoɔ. Wɔfifiri aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu a wɔgyinagyina ahennwa no ne Odwammaa no anim a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa, kurakura berɛ. 10Wɔteaam sɛ,
“Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Onyankopɔn
a ɔte ahennwa no so
ne Odwammaa no.” 11Na abɔfoɔ no atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia. Afei wɔbutubutuu ahennwa no anim, somm Onyankopɔn 12kaa sɛ,
“Amen!
Nhyira ne animuonyam
ne nyansa ne aseda ne anidie
ne tumi ne ahoɔden
yɛ Onyankopɔn dea daa daa.
Amen!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.