Adiyisɛm 7:12
Revelation 7:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
kaa sɛ, “Amen! Nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi ne ahoɔden yɛ Onyankopɔn dea daa daa. Amen!”
Revelation 7:12 in English
Revelation 7:12 · Berean Standard Bible
saying, “Amen! Blessing and glory and wisdom and thanks and honor and power and strength be to our God forever and ever! Amen.”
Context
10Wɔteaam sɛ,
“Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Onyankopɔn
a ɔte ahennwa no so
ne Odwammaa no.” 11Na abɔfoɔ no atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia. Afei wɔbutubutuu ahennwa no anim, somm Onyankopɔn 12kaa sɛ,
“Amen!
Nhyira ne animuonyam
ne nyansa ne aseda ne anidie
ne tumi ne ahoɔden
yɛ Onyankopɔn dea daa daa.
Amen!” 13Mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ, “Ɛhefoɔ na wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa yi, na wɔfiri he?” 14Mebuaa sɛ, “Mennim, owura. Na wo na wonim.”
Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne wɔn a wɔafiri ɔtaa mu. Wɔde Odwammaa no mogya ahoro wɔn ntadeɛ ama ayɛ fitaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.