Native Bible

Revelation 7:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ, “Ɛhefoɔ na wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa yi, na wɔfiri he?”

Revelation 7:13 in English

Revelation 7:13 · Berean Standard Bible

Then one of the elders addressed me: “These in white robes,” he asked, “who are they, and where have they come from?”

Context

11Na abɔfoɔ no atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia. Afei wɔbutubutuu ahennwa no anim, somm Onyankopɔn 12kaa sɛ, “Amen! Nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi ne ahoɔden yɛ Onyankopɔn dea daa daa. Amen!” 13Mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ, “Ɛhefoɔ na wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa yi, na wɔfiri he?” 14Mebuaa sɛ, “Mennim, owura. Na wo na wonim.” Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne wɔn a wɔafiri ɔtaa mu. Wɔde Odwammaa no mogya ahoro wɔn ntadeɛ ama ayɛ fitaa. 15Na ɛno enti na, “wɔgyina Onyankopɔn ahennwa anim a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi. Deɛ ɔbɛtena ahennwa no so no bɛbɔ wɔn ho ban.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.