Native Bible

Revelation 18:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Momma nʼayayadeɛ ne nʼawerɛhoɔ nnɔɔso sɛ animuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no. Ɛfiri sɛ, daa ɔka sɛ, ‘Mete ha sɛ ɔhemmaa; menyɛ okunafoɔ, na me werɛ renho da!’

Revelation 18:7 in English

Revelation 18:7 · Berean Standard Bible

As much as she has glorified herself and lived in luxury, give her the same measure of torment and grief. In her heart she says, ‘I sit as queen; I am not a widow and will never see grief.’

Context

5Ɛfiri sɛ, wɔahyehyɛ ne bɔne atoatoa abɛduru soro, na Onyankopɔn akae nʼawudie no. 6Sɛdeɛ ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; deɛ ɔyɛɛ mo biara no, montua ne so ka mprenu. Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no deɛ ano yɛ den mmɔho mmienu. 7Momma nʼayayadeɛ ne nʼawerɛhoɔ nnɔɔso sɛ animuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no. Ɛfiri sɛ, daa ɔka sɛ, ‘Mete ha sɛ ɔhemmaa; menyɛ okunafoɔ, na me werɛ renho da!’ 8Yei enti, nʼamanehunu a ɛyɛ yadeɛ awerɛhoɔ ne ɛkɔm bɛba ne so da bi. Na wɔde ogya ahye no, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ kɛseɛ. 9“Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ adwaman, dii dɛ no hunu hye a wɔrehye no no wisie a, wɔbɛsu atwa agyaadwoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.