Native Bible

Revelation 18:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ adwaman, dii dɛ no hunu hye a wɔrehye no no wisie a, wɔbɛsu atwa agyaadwoɔ.

Revelation 18:9 in English

Revelation 18:9 · Berean Standard Bible

Then the kings of the earth who committed sexual immorality and lived in luxury with her will weep and wail at the sight of the smoke rising from the fire that consumes her.*

Context

7Momma nʼayayadeɛ ne nʼawerɛhoɔ nnɔɔso sɛ animuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no. Ɛfiri sɛ, daa ɔka sɛ, ‘Mete ha sɛ ɔhemmaa; menyɛ okunafoɔ, na me werɛ renho da!’ 8Yei enti, nʼamanehunu a ɛyɛ yadeɛ awerɛhoɔ ne ɛkɔm bɛba ne so da bi. Na wɔde ogya ahye no, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ kɛseɛ. 9“Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ adwaman, dii dɛ no hunu hye a wɔrehye no no wisie a, wɔbɛsu atwa agyaadwoɔ. 10Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ enti, wɔbɛgyina akyiri asu sɛ, “ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ, Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi! Dɔnhwere baako pɛ mu, wʼatemmuo aba.’ 11“Adwadifoɔ a wɔwɔ asase so nso su no ɛfiri sɛ, obiara ntɔ wɔn nneɛma bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.