Adiyisɛm 18:11
Revelation 18:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Adwadifoɔ a wɔwɔ asase so nso su no ɛfiri sɛ, obiara ntɔ wɔn nneɛma bio.
Revelation 18:11 in English
Revelation 18:11 · Berean Standard Bible
And the merchants of the earth will weep and mourn over her, because there is no one left to buy their cargo—
Context
9“Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ adwaman, dii dɛ no hunu hye a wɔrehye no no wisie a, wɔbɛsu atwa agyaadwoɔ. 10Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ enti, wɔbɛgyina akyiri asu sɛ,
“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ,
Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi!
Dɔnhwere baako pɛ mu, wʼatemmuo aba.’ 11“Adwadifoɔ a wɔwɔ asase so nso su no ɛfiri sɛ, obiara ntɔ wɔn nneɛma bio. 12Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, ne aboɔden aboɔ ne nhweneɛ pa, ne nwera pa ne ntoma afasebire ne serekye ne tam kɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ hwam nyinaa ne asonse adwinneɛ nyinaa, ne adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din ayɛ, ne ayowaa ne dadeɛ ne abohemaa, 13ne pɛperɛ ne mmorɔngo, ne nnuhwam ne kurobo, ne hwamfufuo ne nsã ne ngo, ne asikyiresiam muhumuhu ne ayuo, ne nyɛmmoa ne nnwan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.