Native Bible

Revelation 12:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, wɔdii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfoɔ antena ɔsoro bio.

Revelation 12:8 in English

Revelation 12:8 · Berean Standard Bible

But the dragon was not strong enough, and no longer was any place found in heaven for him and his angels.

Context

6Ɔbaa no dwane kɔɔ ɛserɛ so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yie wɔ nnafua apem ahanu ne aduosia mu. 7Afei, ɔko sii ɔsoro hɔ. Mikael ne nʼabɔfoɔ ko tiaa ɔwɔ no, ɛnna ɔno nso ne nʼabɔfoɔ ko tiaeɛ. 8Nanso, wɔdii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfoɔ antena ɔsoro bio. 9Wɔtoo ɔwɔ kakraka no tweneeɛ. Ɔno ne ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa ewiase nyinaa no. Wɔtoo ɔno ne nʼabɔfoɔ nyinaa guu asase so. 10Afei, metee nne denden bi wɔ ɔsoro a ɛka sɛ, “Afei, na Onyankopɔn nkwagyeɛ aba! Afei, na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene! Afei, na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi, ɛfiri sɛ, yɛn nuanom no ahohorabɔni a ɔgyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no, wɔapam no afiri soro no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.