Adiyisɛm 12:9
Revelation 12:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔtoo ɔwɔ kakraka no tweneeɛ. Ɔno ne ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa ewiase nyinaa no. Wɔtoo ɔno ne nʼabɔfoɔ nyinaa guu asase so.
Revelation 12:9 in English
Revelation 12:9 · Berean Standard Bible
And the great dragon was hurled down—that ancient serpent called the devil and Satan, the deceiver of the whole world. He was hurled to the earth, and his angels with him.
Context
7Afei, ɔko sii ɔsoro hɔ. Mikael ne nʼabɔfoɔ ko tiaa ɔwɔ no, ɛnna ɔno nso ne nʼabɔfoɔ ko tiaeɛ. 8Nanso, wɔdii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfoɔ antena ɔsoro bio. 9Wɔtoo ɔwɔ kakraka no tweneeɛ. Ɔno ne ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa ewiase nyinaa no. Wɔtoo ɔno ne nʼabɔfoɔ nyinaa guu asase so. 10Afei, metee nne denden bi wɔ ɔsoro a ɛka sɛ,
“Afei, na Onyankopɔn nkwagyeɛ aba!
Afei, na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene!
Afei, na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi,
ɛfiri sɛ, yɛn nuanom no ahohorabɔni a
ɔgyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no,
wɔapam no afiri soro no. 11Yɛn nuanom no nam Odwammaa no mogya so
ne nokorɛ a ɔdaa no adi so
dii ne so nkonim.
Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ
na wɔawuwu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.